Lyrics

Last two, baby Sisi ne muo, taabu no muo Yaanom ɛberɛ n'aso, bɛhwɛ Sisi ne muo, taabu no muo Ɔkatakyie no agye ahenkyɛ Manya de asɛm no adi ako awie Oh, tekyɛrema, ayɛ afɛ nsuo Manya de asɛm no adi ako awie Menam ako no mu a, menkura tuo Yee, obiyaa ei Abi you think say I am cool like ice Obiyaa ei Yaanom ɛberɛ n'aso, bɛhwɛ I am hotter than chilly styles Ɔkatakyie no agye ahenkyɛ Still fit be sweet and nice Yaanom ɛberɛ n'aso, bɛhwɛ What, rap sɔfoɔ Ɔkatakyie no agye ahenkyɛ Sɛ w'aduane anso wo di a Ɛna wo tekyerɛma kɔ wo dodo mu atwee Patapaa asɛm nti, n'adwene Ɛyɛ no sɛ deɛ, nkwadaa bi rebɔ no K Sunti dua no deɛ ɛbɛba o Na deɛ ɛnam no so bɛba no deɛ, ɔnwie Wonim papa a, wonim bɔne Barima, ɛndɛ, obi nkyerɛ akwadaa Nyame Adwuma yi te sɛ nyansa akwantuo Yɛkɔ no adwene, yɛnko no afrane Opanin, medue mante mante Magye atra so, ɛnyɛ sɛ, mente mante Wobɔ me din, na rap sɔfoɔ nka ho a Ɛte sɛ deɛ wasaka poma na wantwa mu Atire bi so, atire bi sua Atire, atire, biara nso ne adwene a, ɛda mu Ɔbrafoɔ baako pɛ Sodue mu ahwehwɛ Monkeka deɛ mope Ɛnyɛ ɛhɔ mpo na merehwɛ Mereyɛ deɛ mereyɛ Hɛ, wobɛtu, wobɛkɔ mu Wobɛforo, wobɛsi Wobɛyɛ, wobɛbrɛ Wobɛbrɛ, aane Wobɛtwe, ɛbɛte Wopɛpre, wobɛkɔ Wobɛpem, woresɛe mmerɛ Barima pie bɛhen to abɔnten a Ɛnyɛ sotorɔ a, na ɛyɛ nkwan dɛ Ɛyɛ akyɛdeɛ, ɛnyɛ akadeɛ Rap sɔfoɔ, m'ano nsuo nso adwadeɛ Menim amammerɛ, mensɛe amammerɛ Ɛnam a, yɛnkyeeyɛ, menfa me se nkyɛ Manya de asɛm no adi ako Kasahare, ɔsɔfoɔ, magye m'ahenkyɛ Wotwi ahenfie kaa a, na ɛnkyerɛ sɛ woyɛ ɔdehyeɛ ei Yaanom ɛberɛ n'aso, bɛhwɛ Ɛsono ɔbarima na ɛsono ɔbarima, ɛna ɛsono ɔkatakyie Yaanom ɛberɛ n'aso, bɛhwɛ Wotwi ahenfie kaa a, na ɛnkyerɛ sɛ Woyɛ ɔdehyeɛ ei Ɛsono ɔbarima na ɛsono ɔbarima, ɛna ɛsono ɔkatakyie Sisi ne muo, taabu no muo Ɛduru ako no a, yɛnfrɛ amansan, yɛnfrɛ no barima Yaanom ɛberɛ n'aso, bɛhwɛ Ɛduru ako no a, yɛnfrɛ amansan, yɛnfrɛ no barima ei Yaanom ɛberɛ n'aso, bɛhwɛ Sisi ne muo, taabu no muo Ɔkatakyie no agye ahenkyɛ Ne ho ɛdwirii no, ne ho repopo Anisuo adehunu anaa ne daɛ mu Nfifire refiri no, ne ho rewoso Wahu ɔsoro abɔfoɔ wɔ kwae mu Nsɛnkyerenii yi, wante aseɛ Sɛ ɔbrafoɔ rekɔtɛ, anaa ne mmaɛ mu Dendentwie, wandwene ho Sɛ ɔne ɔpanin bɛko o, na ne wedie mu Bawura a, kraman bi a, ɔda fie Bɛyɛ dɛn, na dompe ahia me Wokye me to ɛpo bunu mu mpo a, mɛpie Tweduanpɔn na afrɛ me Tweduanpɔn ne me han Tweduanpɔn, ɔnni agyan Ɔno ara ne tumi Nyansa a, ɛnwene ntentan Sɔfoɔ yɛ ogyaframa a, ɔbu adaban Yɛkum tease a, ɔyɛ saman Nanka mpɛsɛ, watwa n'ani ahwɛ ban Yɛnsuro Nyame nsan nsuro nipa Yɛnsuro bayie nsan nsuro bogya Wonim ku a, wonnim adwanee Deɛ ɔwoso adɔgɔ no, ɔnsuro akorokra Sɛ yɛwo wo sɛ bɛku ɔsono a Wonprepre wo hu, nkuku nkusie, nkuku nkura Tweaa Bo nsuo na m'ano nna Wonkɔɔ agyina da a, abi nka Tie wei sua nyansa Yɛse ɔpanin dware wie a, na nsuo asa Dwenedwene ho kɔ akyire Tietie mu na tie bio Fiifii mu na hwɛ no yie Rap sɔfoɔ, yes, mede asɛm no adi ako awie Sisi ne muo, taabu no muo Yaanom ɛberɛ n'aso, bɛhwɛ Sisi ne muo, taabu no muo Ɔkatakyie no agye ahenkyɛ Manya de asɛm no adi ako awie Oh, tekyɛrema, ayɛ afɛ nsuo Manya de asɛm no adi ako awie Menam ako no mu a, menkura tuo Yee, obiyaa ei, obiyaa ei Yaanom ɛbrɛ n'aso, bɛhwɛ Wotwi ahenfie kaa a, na ɛnkyerɛ sɛ woyɛ ɔdehyeɛ ei Yaanom ɛberɛ n'aso, bɛhwɛ Ɛsono ɔbarima na ɛsono ɔbarima, ɛna ɛsono ɔkatakyie Yaanom ɛberɛ n'aso, bɛhwɛ Wotwi ahenfie kaa a, na ɛnkyerɛ sɛ woyɛ ɔdehyeɛ ei Ɔkatakyie no agye ahenkyɛ Ɛsono ɔbarima na ɛsono ɔbarima, ɛna ɛsono ɔkatakyie Ɛduru ako no a, yɛnfrɛ amansan, yɛnfrɛ no barima Ɛduru ako no a, yɛnfrɛ amansan, yɛnfrɛ no barima ei Yaanom ɛberɛ n'aso, bɛhwɛ
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out