Listen to Yeete Nsem, Pt. 11 by Amerado

Yeete Nsem, Pt. 11

Amerado

World

415 Shazams

Lyrics

Mpanimfoɔ se nka ɛyɛ kɔ-na-kɔto Na ɛnyɛ kɔ-na-kɔsrɛ Nso China adehyeɛ bi a Waba ɔman yi mu sɛ ɔmo reba abɛdi paa W'ani atra ɔmo anintɔn, dwɛɛ ne afɛɛfɛsɛm nti Yɛakye ɔmo akɔgu apoosifoɔ koko mu Nea ɔmo ayɛ ne sɛ, Ghanani paa, ɛna ɔmo de handcuff agu ne nsa Yeah! Kɔnkɔnsa no, ɛyɛ mo dɛ anaa? (Yes, sir) Na mose afono mo anaa? (No, sir) Mopɛ sɛ mohu me court anaa? (Yes, sir) Ao, na mo, motan me anaa? (No, sir) Okay, yɛrestarte a Accelerator no, sɛ meregase a Da bɛn koraa? Ɛ'me sɛ ɛnora Parliament, ah, asɛm a merebɛka koraa, me werɛ afi Agya, ntoatoa, ah! Kyeiwaa akɔyɛ dondoo America abɔnten, atwitwa photo Deɛ Nyame ahyira, wontumi nyɛ no foko Ne kunu no, na ɛ'me sɛ ɔsɛ Idi Koko Ah, SM Ɔte ne baabi, na ɔmpɛ asɛm Ɔne Beyonce video no, anya abam' Ama Bhimfoɔ no ho hyehye ɔmo A'sɛ ɔmo deda bonsam gyam' (gyam') Merebɛfrɛ Teacher Kojo ma no akyerkyerɛm' Yɛrebɛbiebiem' Hello, Teacher, wote me nka a Mabie ahoma no o, wobɛtumi awuram' Hehe, Amerado, masɔm' wɔ ha Mayere mu pampee, adeɛ yi, menyɛ kwata Naano Fiada, fidie ayi nam, herh Shatta ne Beyonce akɔ apam Video no ankasa deɛ, ɛyɛ gam Ama Bhim ne SarkNationfoɔ no reham SarkNationfoɔ ayera kurom' Ama BhimNationfoɔ no nso nkasa biom (ei saa?) Ɛnneɛ na ɛ'ya Metee sɛ 'bi se video no koraa, ɛnyɛ ampa Oh, gyaa ɔmo, ɛnyɛ deɛbɛn ampa Already video no, ɛnono o, Nana, woda a da Yoo, Teacher Kojo na motee ne nka Kwaw Kese nso abɛka nsɛm pa Ɔse young boy, wosi so na woanthinke, aninveste a Ɛkɔm de wo a wobɛsuffer Ah-huh, Nana Addo Dankwa Ɔbɛkasaae, still waclose border Ɔse still no ara, ɔsuro Corona Ɔmmɛbie border no na haw abɛto Ghana Chinani bi akɔyɛ nsɛnkyerɛnne Yɛse wakɔwe apɔnkyerɛnne Bɛyɛ 85, ɔne obi akɔ bet Ɔwe wiieɛ ara aah, wawu, akoa agye ne din Ah, Afia Schwa nso kɔyii ne to Ɛho hyɛmm, a'sɛ sakora parke so Magye adi sɛ awieɛ mmerɛ no rebɛso Nansa yi, nsɛm a ɛresisi koraa deɛ ɛboro me so Ah, Mahama o, denden Afei deɛ penpen, wɔse no penpen Waunveile ne vice, Mama Jane no, ɔnie Let me see your shouting, NDCfoɔ ei, dede! Kɔnkɔnsa no, ɛyɛ mo dɛ anaa? (Yes, sir) Na mose afono mo anaa? (No, sir) Mopɛ sɛ mohu me court anaa? (Yes, sir) Ao, na mo, motan me anaa? (No, sir) Yɛn nyinaa yɛn wura, Sarko Ɔse 2024, ne mpaebɔ Ɔnya president a, ɔbɛdi no sɛ ɛtɔ Akoa bi se Strongman mpo wantumi ammanage na Ghana Ɔmfa nsɔɔ hɔ! Bishop Agyin Asare se ɔno, ɔnyɛ Yesu Nso so, since 1980, ɔmfaa ne yere akyi da, wakeepi clean sheet Aside ne wife, deɛ ɔwe ara ne PK Ah, Sister Derby Ɔno nso akɔtwerɛtwerɛ nsɛm pii Agu Snap, ɔse boyfriend, ɔhia bi Ne Jollof no, ɔrepɛ obi ama no adi Ah yɛrete nsɛm, day by day Wiyaala nso adwa o, oh my days Ɔse bloggers no, she no dey need your praise Waka n'adwen, if you bore deaa, wo ara wo plantain Savannah Reion hɔ baabi Video bi droppeeɛ, old woman bi Ɛna nipa si ne so de belt rehu n'akyi Sɛ kuro yi a ɔmo te so yi, ɔno na ɛmma no nkɔso, daabi (no!) Yɛbɛgyina so aye nkratoɔ Ɛnnɛ, akranteɛ nkwan, emu berɛboɔ Ɛna merekɔwe no backstage, chop time, no friend Seisei a megyina ha yi koraa, menni adamfoɔ Yɛrekɔ aba Corona kɔ a Na sɛ kuro biara bie borer no a Littles Travel de wo bɛtu Ɛno saa no, wobɛhu, abayifoɔ bɛsu, "Maa, maa" Kɔnkɔnsa no, ɛyɛ mo dɛ anaa? (Yes, sir) Na mose afono mo anaa? (No, sir) Mopɛ sɛ mohu me court anaa? (Yes, sir) Ao, na mo, motan me anaa? (No, sir) Yoo, akwaaba o! Patapaa-paa, redewaa-waa Ɔse Nana Lace ne Poyoo yɛ 'nkoraakoraa' Ɛno nti interview bi ho koraa, ɔde kokoasa ara aah, wankɔ Ɔse ɔne Nana Lace nkɔ set so, watra saa Furthermore, fire on the mountain Joint 7-7, Millitant Captain Ɔse SM Fans, ma monha n'adwen Mo Whatsapp groups a mode no ka ho He no dey like that thing, aah Okay, bottom power, shegee! Princess Shyngle Ɔse boys ateetee no ara aah Seisei, girls na ɔplay, whoa! Deɛ ɛ'dɛ Sports news, merebɛwɔ no sɛ abɛ Serie A no, Juventus agye EPL no nso, naano, akɔ n'awieɛ Man Cityfoɔ Ederson na ɛfaa Best Keeper Chelseafoɔ keeper, Kepa, faa worst keeper Yɛse ɔreba Kotoko abɛyɛ justify Na Kotoko no koraa, ɔba a menyɛ sure sɛ ɔbɛnya pole mu ada Champions League, Leicester ankɔ Arsenal tɔɔ so eight, Europa, wankɔ Balon D'or, afe wei, FIFA se yɛanyɔ Nka Lingard bɛgye, akoa yi nim ball bɔ Ao, ao, deɛ ɛretrende nko ara Meredi kɔnkɔnsa a na mo ani agye Mo ho dɔ nti menna, da biara na researche N'sɛ moahunu sɛ me, me so ate Ah, news no, ɛdɔɔso Mabrɛ, medebɛsi ha na n'sɛ ɛnyɛ force Me na m'aso ɔ'den sɛ coal potto Nka magyae, next week, Episode 12, ɛdam' Kɔnkɔnsa no, ɛyɛ mo dɛ anaa? (Yes, sir) Na mose afono mo anaa? (No, sir) Mopɛ sɛ mohu me court anaa? (Yes, sir) Ao, na mo, motan me anaa? (No, sir)
Writer(s): Derrick Sarfo Kantanka Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out