Lyrics

Ɔdɔ mpopa n'anim nisuo Na ɔnto awerɛhoɔ yi bi ngu Na ɔnkae nhunu sɛ ɔdɔ deɛ, saa ara na ɛteɛ Ɔdɔ mpopa n'anim nisuo ei Na ɔnto awerɛhoɔ yi bi ngu Na ɔnkae nhunu sɛ, ɔdɔ deɛ saa ara na ɛteɛ Ɔmfa n'ani nto me so Na me nso mete ha yi Ne ho adwendwen na ɛreku me Ne ho nisuo ara ne mereteɛ Mewɔ ne nkyɛn a nka mepɛ Merewu o (ɔdɔ ho adwendwen) Merewu o (ɛno ara na ɛreku me, ɛno ara na ɛreku me) Medɔ no, ɔno nso dɔ me Nanso ohia amma me dɔfo yi annye me anni, eh, eh Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh, na meda m'baabi Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh, na meda m'baabi (whoa) Far Sight Enterprise, 'Kokomlemle' Kwarteng, Kwabena, tie bi Ɛnyɛ nea mepɛ ne sɛ, adeɛ rekye, adeɛ resa yi Me nko menam (sɛ eduru anadwo a me nko meda) Ɛnyɛ nea mepɛ ne sɛ, adeɛ rekye, adeɛ resa yi Me nko menam (sɛ eduru anadwo a me nko meda) Me dɔfo yi bɛdwen sɛ mayɛ yie na menkae no Nanso ɛnte saa Ohia amma me dɔfo yi annye me anni Ohia amma me dɔfo yi annye me anni Merewu o (ɔdɔ ho adwendwen) Merewu o (ɛno ara na ɛreku me, ɛno ara na ɛreku me) Mepɛ no, ɔno nso dɔ me Nanso ohia amma me dɔfo yi annye me anni, eh, eh Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh, na meda m'baabi Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh, na meda m'baabi Ɔdɔ da baabi Ɔdɔ mma mente ne nka, na awerɛkyerkyere firi nipa ho Wo kasa yɛ me kasa, w'amaneɛ yɛ m'amaneɛ o Na ɛmma no nyɛ wo adwendwen sɛ Mayɛ yie na menkae woɔ Ɔdɔ, ɛnte saa, menim sɛ me ne wo abrɛ, abrɛ Meyɛ yie a me werɛ mfiri wo o Merewu o (ɔdɔ ho adwendwen) Merewu o (ɛno ara na ɛreku me, ɛno ara na ɛreku me) Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh, na meda m'baabi Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh Sɛsɛɛ ɔdɔ, me buroni da m'baabi eh, na meda m'baabi Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh, na meda m'baabi Sɛsɛɛ ɔdɔyɛwu da m'baabi eh Sɛsɛɛ ɔdɔ, me buroni da m'baabi eh, na meda m'baabii Action!
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out