Lyrics

Eboo Ka nea mayɛ kyerɛ me o Ɔdɔ ei Na mente me ho ase Anaasɛ Ka neɛ menyɛ kyerɛ me o Ɔdɔ ei Na wonte me dɔ yi ase Eboo Ka nea mayɛ kyerɛ me o Ɔdɔ ei Na mente me ho ase Anaasɛ Ka neɛ menyɛ kyerɛ me o (ao) Ɔdɔ ei Na wonte me dɔ yi ase Eboo Maka m'anum' nsɛm nyinaa Makyerɛ ɔdɔ Nanso ɔdɔ nte me dɔ yi ase Yɛkaae sɛ "Ɔdɔ tumi sɛe nnipa" Sɛ manhwɛ me dɔ yie a Me dɔ yi bɛma m'abɔ dam Eboo Ka nea mayɛ kyerɛ me o Ɔdɔ ei Na mente me ho ase Anaasɛ Ka neɛ menyɛ kyerɛ me o Ɔdɔ ei Na wonte me dɔ yi ase Oh, ɔdɔ Ka neɛ menyɛ kyerɛ me Ansa na woate me dɔ yi ase Woama maka m'anum nsɛm nyinaa Nso ɔdɔ nte me dɔ yi ase Nanso ɔdɔ wɔ hɔ yi, ɛyɛ nteaseɛ Sɛdeɛ Doris, ɔne ne kunu, Ike A ɔmo wɔ Toronto, Canada, ɔmo kaaeɛ Ɛyɛ nteaseɛ Nti ɔdɔ Kyerɛ neɛ menyɛ na te me dɔ yi ase Woreteetee me yi a mentumi nnyae wo yi Ao, ɔdɔ Anka ɛsɛ sɛ wote me dɔ yi ase Hunu sɛ ɔbaako nanteɛ yɛ ya Enti na Onyame yii me maa woɔ, me dɔ Enti ɔdɔ Sɛ meyɛ wo bɔne a, susu ka Mm, ɔdɔ Na mfomsoɔ bata onipa ho Sɛ me ne obi nam a, susu dwen Na menni wo ho adwen bɔne biara Adeɛ kɔsa me wɔ baabi ara a Mese wo nkyɛn ara aah na mɛba o Ɔdɔ ei, ei, ei Ɔdɔ ei, tie m'asɛm Ɔdɔ ei, ei, ei Ɔdɔ ei, tie m'asɛm Enti wonnim sɛ ɔdɔ tumi sɛe nnipa? Enti wonnim sɛ ɔdɔ tumi kum sunsum? Sɛ meyɛ wo bɔne a, ka kyerɛ me Na menhunu nea mayɛ Ao, Mary Na wonte me dɔ yi ase Eboo Ka nea mayɛ kyerɛ me o Ɔdɔ ei Na mente me ho ase Anaasɛ Ka neɛ menyɛ kyerɛ me o Ɔdɔ ei Na wonte me dɔ yi ase Eboo Ka nea mayɛ kyerɛ me o Ɔdɔ ei Na mente me ho ase Anaasɛ Ka neɛ menyɛ kyerɛ me o (ao) Ɔdɔ ei Na wonte me dɔ yi ase Eboo Ka nea mayɛ kyerɛ me o Ɔdɔ ei Na mente me ho ase Anaasɛ Ka neɛ menyɛ kyerɛ me o (aah) Ɔdɔ ei Mma wonte me dɔ yi ase Eboo Ka nea mayɛ kyerɛ me o Ɔdɔ ei
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out