Lyrics

Ɔdomankoma Nnase nka Wo din no (Ɔdomankoma) Oh... nhyira nka Wo din wai (Ɔdomankoma) Nana me koto Wo oh me kamfo Wo wai (Ɔdomankoma) AlleluYAH (Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ) AlleluYAH (Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ) Ɛyɛ a Wo nwuma yɛ me nwanwa bebree Onyame Wo deɛ Wo yɛ Onyame Da biaa Wo yɛ Onyame Aane nti na Wo ntɔ nko na Wonna Da biaa wo yɛ kɛseɛ Akɛsesɛm no fata Wo nkoaa Onyame Wodeɛ Wo yɛ akɛsesɛm Obiara ntumi mmrɛ W'ase koraa Ɛno nti abɔdeɛ nyinaa ara nyɛ komm Ma me Nyankopon nkoaa nyɛ deɛ Ɔpɛ wai Abɔdeɛ nyinaa ara nkoto No Ma me Nyankopon nkoaa deɛ Ɔfata ayeyi ankasa Hwan koraa na ɔbɛtumi ɛtimtim sɛ deɛ W'atim sɛ ɛboɔ yi Wo nkoaa Wo kɛseɛ ni akata obiaa so Hwan kraa na ɔbɛtumi ne W'apre biribi ho Ɛno nti Awurade Nyankopon eh Wo sene ade nyinaa m'Agya Nti me di ayeyi ma Wo nkoaa (Ɔdomankoma) Nnase nka Wo din daa (Ɔdomankoma) Oh... nhyira nka Wo din wai (Ɔdomankoma) Nana me koto Wo oh me kamfo Wo wai (Ɔdomankoma) AlleluYAH (Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ) AlleluYAH (Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ) Nti Nyame bɛn koraa na ɛbɛtumi ne Wo adi asie Aane tumi bɛn koraa na ɛbɛtumi akyɛn Wo wɔ ahoɔden mu Ah Ɔdomankoma eh Ɔdomankoma eh Tumi bɛn koraa na bɛtumi ne Wo ayɛ awanwa adwuma wai Nnipa nyinaa dan Wo Nnuaa nyinaa ara dan Wo Mmoadoma nso dan wo Abɔdeɛ nyinaa Ehbei me Nyankopɔn Sɛ Wo nyɛ Nyame Anka W'abam bɛ bu Na Wo di kanea afra Wo ho sɛ ntoma no Ɔwanwani a Wo yɛ awanwa adwuma Wo tumi adeɛ nyinaa yɛ Mfeɛ pem yɛ Wo da koro Na sɛ yɛ sane Wo ho bɔ pɔ a ɛnyɛ yie koraa Sɛ nti na yɛ frɛ Wo Ɔkokoromoti Atu hene si hene Nyame Neɛ wo pɛ na Wo yɛ Wo yɛ Nyame prɛkopɛ Na me se Awurade Nyankopɔn eh Wo sene ade nyinaa m'Agya Nana Yaw me Nyankopɔn eh Wo sene ade nyinaa m'Agya Nti me de ayeyi ma Wo nkoaa (Ɔdomankoma) Nnase nka Wo din da biaa (Ɔdomankoma) Oh... nhyira nka Wo din wai (Ɔdomankoma) Nana me koto Wo oh me kamfo Wo wai (Ɔdomankoma) AlleluYAH (Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ) AlleluYAH (Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ) Hwan koraa na bɛtumi adɛre sɛ neɛ wo dɛre sɛ ogya yi a Nea Wo pɛ na wo yɛ Nti kɔsoa na yɛ nea Wo pɛ Ɛfirisɛ bonsam mpo nim sɛ Wo yɛ Onyame koro na Wo kyɛn no koraa Ɛfirisɛ Wo nyɛ Onyame nka W'ahenie no deɛ nka ɛbɔ W'akyɛ Onyame a me ne Wo nam Eh... mene Wo nam a me ne apem nam Ɛno nti no mɛbɔ Wo din Wo ne obiaa mpere W'ahenie no ho Mmoadoma mpo ne meyɛ adwen paa Sɛ wo ne obiaa mpere W'ahenie no ho Awurade Nyankopɔn eh Wo sene ade nyinaa m'Agya Ade nyinaa so tumfo eh Wo sene ade nyinaa m'Agya Nti me de ayeyi ma Wo nkoaa (Ɔdomankoma) Nnase nka Wo din daa (Ɔdomankoma) Oh... nhyira nka Wo din wai (Ɔdomankoma) Nana me tomtom Wo oh me kamfo Wo wai (Ɔdomankoma) AlleluYAH (Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ) AlleluYAH (Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ) Nti me de ayeyi ma Wo nkoaa (Ɔdomankoma) Nnase nka Wo din da biaa (Ɔdomankoma) Oh... nhyira nka Wo din no (Ɔdomankoma) Nana me koto Wo oh me kamfo Wo wai (Ɔdomankoma) AlleluYAH (Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ) Wote ase dadada (Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ) Wote ase daa (Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ)
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out