Lyrics

Yɛkɔgyina baabi na sɛ yɛfrɛ mo a, ɛnyɛ adebɔne Ghanaman mu a yɛabu yi, ɛnnɛ, yɛpɛ kwan terenee Nsɛnkyerenee kyerɛ sɛ, Ghanaman no, ɛmpɛ nsɛmmɔne Kofi Babɔne, merebɔ kɔkɔ, gyae nnebɔne (Ghanafoɔ ei) Kyerɛma Asante, bɔ twene kyerɛ Ghanaman sɛ montie Me nie, Obrafour, mewɔ fahodie Nkrumah mmɔdenmmɔ mu dwumadie mu nkunimdie (ɛhɛ?) Hunu sɛ, yɛn ara asaase ni, ɛyɛ aboɔdenden ma yɛn Mogya no a nananom hwiee gu nya de too hɔ maa yɛn Dom yɛn, boa yɛn, gye yɛn Aduru me ne wo nso so sɛ yɛn nso yɛbɛyɛ bi atoa so Muamua so, kata so, ɔman yi mu deɛ, ɛmma so (ɛmma so) Ɛnnɛ, yɛbisa wo deɛ woayɛ ama ɔman Ghana, wobɛka sɛn? Lawyerfoɔ, dɔkotafoɔ, ma memmisa nursefoɔ Adwadifoɔ, driverfoɔ, ma memmisa fitafoɔ Akuafoɔ, tailorfoɔ, ma memmisa barberfoɔ Soldierfoɔ, tikyafoɔ, ma memmisa sukuufoɔ Obrafour, Ghana Rap Sofoɔ Mese, mesrɛ amanfoɔ Mo nyinaa monyɛ baako, firi sɛ yɛte faako Prayɛ wɔ yi, sɛ woyi baako a na ɛbu Wokabɔ mu a, ɛmbu Korɔbea Asante Kɔtɔkɔ, wokum apem a, apem bɛba is the motto Yɛmfa nkɔto lotto Panin mmu mmofra no, yɛse monya ntoboaseɛ ne ahobraseɛ Obuo ne nnidie na monkoto Bible kyerɛ sɛ, "Di w'agya ne wo na ni Wo nkwa nna so aware wɔ asaase yi so Enti monyɛ brɛbrɛɛ Ghana yɛ me ne wo dea Sɛ yɛkabɔ mu a, na ɛbɛyɛ yie, ah-huh Otwereduampɔn Kwame, nsa (wiaw!) Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (wiaw!) Nananom nsamanfoɔ, nsa (wiaw!) Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei) Otwereduampɔn Kwame, nsa (wiaw!) Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (wiaw!) Nananom nsamanfoɔ, nsa (wiaw!) Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei) Wo wɔ hen? Gyina nkyɛn! Ɔfoforo ntwe mmɛn (ah-huh) Megyina ha ma Ghana Mefrɛ Ɔsagyefo Dr. Kwame Nkrumah Yɛbɔ wo din, wo deɛ woyɛ ntin Wode wo nyansa na ɛgyee Ghana too hɔ bɛyɛɛ ɔhen Ewim yɛɛ dinn, 'borɔfo koma bɔɔ birim Efirisɛ wɔhunuu sɛ w'akokoɔduro mpo dɔɔso te sɛ nwiin Dr. Kwame Nkrumah, wo de, wo nyansa te sɛ nsoroma Afrikaman mu nyinaa, yɛgyee wo too mu sɛ wonim nwoma Bapɔnmma, w'ani ate, 'Sabarima W'ani afiri te sɛ aborɔnoma W'adom ne w'adaworoma, woama Ghana anya faahodie Wiase amansan nyinaa, mo nso monyɛ aso na montie Krekete! Bibini, ma wo homene so Krekete! Adehyeman, ma wo homene so Krekete! Asanteni, ma wo homene so Krekete! Fanteni, ma wo homene so (Ghanafoɔ ei!) Krekete! Ayigbeni, ma wo homene so Brekete! Kwahuni, ma wo homene so Hausa, Akuapem, Akyem, Bono, Dagomba, Nkran Ghanafoɔ nyinaa (Ghanafoɔ ei!) Afei merebɛgu nsa Ɔsagyefo Dr. Kwame Nkrumah, bra bɛgye nsa Nananom mpaninfoɔ a mode mo kra too hɔ Gyee Ghanaman maa yɛn nso, yɛreto nsa Afrɛ mo, ne Ghana abusua biara nsamanfoɔ sɛ mommɛgye nsa Monnyina yɛakyi akyigyinapa, yɛsrɛ sɛ mommma ɔdɔ nsa Nipa bɔneni a ɛkaa ne nko ara Ɔman Ghana anim bɛ gu aseɛ deɛ Momma no mmɔ ne tiri so Ɔman Ghana nkwa so, ɔmanpanin nkwa so Ɔbrafoɔ, me nkwa so Amammerɛ kwan so, yɛnkɔ, ah-huh Mese Twereduampɔn Kwame, nsa (wiaw!) Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (wiaw!) Nananom nsamanfoɔ, nsa (wiaw!) Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei) Otwereduampɔn Kwame, nsa (wiaw!) Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (wiaw!) Nananom nsamanfoɔ, nsa (wiaw!) Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei) Otwereduampɔn Kwame, nsa (wiaw!) Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (wiaw!) Nananom nsamanfoɔ, nsa (wiaw!) Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei) Otwereduampɔn Kwame, nsa (wiaw!) Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (wiaw!) Nananom nsamanfoɔ, nsa (wiaw!) Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei) The Last Two!
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out