Lyrics

Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie, nea ɔtan wo, ɔbɛbrɛ o Aah, wobɛbrɛ o (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Tamfo a wompɛ m'asɛm (wotan me a wobɛbrɛ o) Owura Kwaku Sarfo (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Tamfo a wompɛ m'asɛm (wotan me a wobɛbrɛ o) 'Bome hemaa ba Kwadwo Ampadu ei (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie, nea ɔtan wo, ɔbɛbrɛ o Na wobɛbrɛ o (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Tamfo a wompɛ m'asɛm (wotan me a wobɛbrɛ o) Brekum Happy Friend ei (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Tamfo a wompɛ m'asɛm (wotan me a wobɛbrɛ o) Aboagyekurom Kofi 'Sei ei (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Tamfo a wompɛ m'asɛm (wotan me a wobɛbrɛ o) Brekum Mr. Ocran (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie Nea ɔtan me biara ɔbɛbrɛ kwa Wo dɔ nti, Nyame nhyira wo Wotan me a wobrɛ kwa Wo dɔ nti, Nyame mmoa wo Me ara mete hɔ yi, mebaa wiase no Mayɛ kyɛnkyemmirekuo, woto me tuo a wosɛe w'akoraboɔ Me ara mete hɔ yi, mebaa wiase yi Mentan obi, ɛna menkyiri obi o Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie Nea ɔtan me biara ɔbɛbrɛ kwa Wo dɔ nti, Nyame mmoa wo Wotan me a wobrɛ kwa Wo dɔ nti, Nyame nhyira wo Me ara mete hɔ yi, mebaa wiase no Ɛda a mɛte sɛ obi se ɔtan me no Saa da no ara ɛna mehwehwɛ n'akyiri akwan Saa da no ara ɛna metɔ nsa ma no nom Saa da no ara ɛna me ne no to nsa didie Na meyɛ wei nyinaa, na woda so yɛ me tamfo a Na wo tirim' ɔ'den te sɛ ɔdomankoma wuo Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie ei Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie Nea ɔtan me no ɔbɛbrɛ o Wo dɔ me a, Nyame mmoa wo Wotan me a wobrɛ kwa Wo dɔ me a, Nyame mmoa wo Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie, nea ɔtan wo, ɔbɛbrɛ o Na wobɛbrɛ o (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Tamfo a wompɛ m'asɛm (wotan me a wobɛbrɛ o) Koforidua Isaac ei (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Tamfo a wo nne me nka (wotan me a wobɛbrɛ o) Nkawkaw Afful ei (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Tamfo a wompɛ m'asɛm (wotan me a wobɛbrɛ o) Tikya Mensah (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Tamfo a wo nne me nka ei (wotan me a wobɛbrɛ o) Na Akua Agyeiwaa (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Me ara mete hɔ yi, mebaa wiase no Nsuo Pra ho ɛna yɛwoo me tooeɛ Sɛbe o, me maame nyinsɛnn me no Ɛda koro bi, ɛna Maame sɔreeɛ sɛ ɔrekɔsa nsuo de aba fie Na ɔsii mu a ɔrekɔsa nsuo no, Nsuo Pra ho, ɛna ɔkɔɔ ne nsuo Ɔduruu ho a ɔresa nsuo no, saa mmerɛ no ara aah, ɛna awoɔ kaa me maame Ma yɛnsɔ mu a, Maame antumi annuru fie Enti nsuo no ho, ɛna ɔwoo me tooeɛ Nti ensuo Pra, ebi na yɛsa dwaree me o Na nsuo Pra nso, ebi na yɛsa ma menomeeɛ Na nsuo Pra no, emu na megyinaaeɛ a, yɛbɔɔ me asu Ɛde me hyɛɛ Agya, ɛne Ɔba, ɛne Sunsum Kronkronm' Enti mete hɔ yi, menam nsuo so a Ɔtamfo yɛ n'adwen sɛ ɔbɛyɛ me bɔne wɔ nsuo so a Ɛyɛ a ɔnkae nhunu sɛ, yɛwoo me wɔ nsuo ho Yɛwoo me nsuo ho no, ebi a meyɛ nsuo ba Nti ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie ei Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie Nea ɔtan me no ɔbɛbrɛ kwa Wo dɔ nti Nyame mmoa wo Wotan me a wobrɛ kwa Wo dɔ nti, Nyame nhyira wo Me ara mete hɔ yi, mebaa wiase no Asubɔ a yɛbɔɔ me nti, ama mayɛ Nyamesom ni Baabi a mɛfa, ɛyɛ a na ɛyɛ hu o Baabi a mɛfa, ɛyɛ a na ɛyɛ nwanwa Merebɛka mo asɛm bi, na obiara ntie no yie o Hwɛ, na da koro bi, me ne m'agofomma yi Yɛkɔɔ kuro bi a yɛfrɛ no Assin Praso Na yɛkɔdruu hɔ no, aberanteɛ ketewa bi Aberanteɛ no, yɛasi no sɔfoɔ wɔ kuro no mu Na aberanteɛ no, ne din de Atta Ɔhunuu me no, ɔbaa me nkyɛn Na ɔbaae, n'asɛm a ɔkaaeɛ ne sɛ Ɛda no bi, anadwo berɛ, ɔkɔdaae, ɔdasuo mu Daeɛ so mu, ɔbɔfoɔ bi bɛgyinaa no so Ɔbɔfoɔ yi baaeɛ no, n'asɛm a ɔkaaeɛ ne sɛ Me a mereba kuro no mu no, meyɛ Onyamesuroni Enti mebɛduru hɔ a, ɔmma me Tworɔ Kronkron Saa bosome no ara mu, yɛkɔɔ kuro bi a yɛfrɛ no Biriwa, wɔ Cape Coast kwan no so Na yɛkɔduruu hɔ no, adɔfo bi nso a wɔwɔ hɔ Ɔmo nkɔkyɛ me adeɛ a Tworɔ Kronkron ka ho Saa bosome no ara mu, ɛna yɛnyaa car nkwanhyia Car de yɛn hwee ase a yɛn nneɛma hwie guueɛ no Neɛ mehunuui ara ne sɛ, Tworɔ Kronkron a yɛde kyɛɛ me no Emu baako abue da baabi o Na mekɔmaa so a, mehwɛɛ baabi a abue no Na ɛyɛ Yesia Nwoma, ti 39, Yesia Nwoma no, ti 40, Yesia Nwoma, ti 41 Mekenkan mu nyinaa, baabi a m'ani gyeeɛ no Ɛyɛ Yesia Nwoma no, ti 41, nkyekyɛmu du no, deaa yɛatwerɛ no wɔ ne sɛ "Ensuro, na Me ne wo wɔ hɔ, ɛmma wo bo ntu, na Me ne wo Twereduampɔn Mede Me terenee nifa, bɛkita wo mu ao Na Mɛhyɛ wo den, Mahwɛ wo so ama woayɛ yie" Saa oyikyerɛ a, Twereduampɔn yi kyerɛɛ me no Ama mahunu pefee sɛ Nyame a mesom noɔ Ne Tworɔ Kronkron ɛyɛ me nan ase kanea Na Ne Tworɔ Kronkon ɛyɛ m'anim han Enti menam baabi a, N'abɔfoɔ ɛrewɛn me o Nti ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie Nea ɔtan me biara ɔbɛbrɛ kwa Wo dɔ nti Nyame mmoa wo Wotan me a wobrɛ kwa Wo dɔ nti Nyame nhyira wo Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie Ah-eh, ah-eh, Maame Yaa Dufie, nea ɔtan wo, ɔbɛbrɛ o (Wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Tamfo a wompɛ m'asɛm (wotan me a wobɛbrɛ o) Akua Mansa ei (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Tamfo a wo nne me nka (wotan me a wobɛbrɛ o) Rebecca ei (wo dɔ nti, Nyame nhyira wo) Tamfo a wompɛ m'asɛm (wotan me a wobɛbrɛ o) Akua-
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out