Music Video

ONOKWAFO
Watch {trackName} music video by {artistName}

Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Mama Esther
Mama Esther
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Esther Boakye-Duah
Esther Boakye-Duah
Composer

Lyrics

Ao, mewɔ gyidie sɛ Nyame bɛyɛ ade nyinaa ara yie ama me Mewɔ awerɛhyɛmu sɛ Nyame tumi adeɛ nyinaa ara yɛ o M'akwantuo yi mu o, m'asetena mu o M'adwumasɛm nyinaa ara hyɛ 'No' nsa Ɔnokwafoɔ Nyame, Ɔno na Ɔbɛyɛ Ao, mewɔ gyidie sɛ Nyame bɛyɛ ade nyinaa ara yie ama me Mewɔ awerɛhyɛmu sɛ Nyame tumi adeɛ nyinaa ara yɛ o M'akwantuo yi mu o, m'asetena mu o M'adwumasɛm nyinaa ara hyɛ Ne nsa Ɔnokwafoɔ Nyame, Ɔno na Ɔbɛyɛ Ɔnokwarefo No (Ɔno na Ɔbɛyɛ) Ɔnokwafoɔ No ei (Ɔno na Ɔbɛyɛ) ah Deɛ atumfoɔ nyinaa ara dan No no (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ) Ɔkatakyie No, Ɔno na ɛbɛyɛ (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ) Ah, Ɔnokwafoɔ No (Ɔbɛyɛ) ao (Ɔbɛyɛ) Ɔno na Ɔbɛyɛ Yie ei, Ɔnokwarefo Nyame No ara (Ɔno na) ao (Ɔbɛyɛ) Nea atumfo nyinaa ara dan No no, Katakyie No o (Ɔno na) ah (Ɔbɛyɛ) Atokoafrɛ Nyankopɔn No (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ) Kwansiafamu, Ɔno ara na ɛbɛyɛ (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ) Ah, Ɔnokwafoɔ No (Ɔbɛyɛ) ao (Ɔbɛyɛ) Ɔno na Ɔbɛyɛ (Jehovah) 'Deɛ Ɔde' Israel mma twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no Ɔno na Ɔbɛyɛ Deɛ Ɔyii Yona firii bonsu yam no Ɔno na Ɔbɛyɛ 'Nwisea' Se ne nnyanka Agya no Aane, Ɔno na Ɔbɛyɛ o, oh, oh Ɔnokwafoɔ No, ao, Ɔno na Ɔbɛyɛ Ɛwɔ mu sɛ, adwuma ayɛ basaa Dwetire nyinaa ara ahye o Aware ayɛ bisibisi basaa Ɛmu anigyeɛ nyinaa ara asa o Otumfoɔ Nyankopɔn No, Siesiefoɔ, Ɔno na ɛbɛyɛ Ah, Nokwafoɔ no, ao, Ɔno na Ɔbɛyɛ Ɔnokwafo No ei (Ɔno na) ah (Ɔbɛyɛ) Nyame a, Ɔnnii torɔ No ara, ah (Ɔno na) ah (Ɔbɛyɛ) Atumfoɔ nyinaa ara Hen (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ) Ɔkatakyie No, Ɔno na Ɛbɛyɛ (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ) Ah, Nokwafoɔ No (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ) ao Ɔno na Ɔbɛyɛ Akunafoɔ kunu No ei Ɔno na Ɔbɛyɛ o-i Ɛnnyanka agya Ɔno na Ɔbɛyɛ Ahiafoɔ yɔnko Nokwafoɔ no, ao Ɔno ara na ɛbɛyɛ o, oh, oh, oh Ɔnokwafoɔ no, ah, Ɔno na Ɔbɛyɛ o Ɔnokwafo No ei (Ɔno na) ah (Ɔbɛyɛ) Nyame a, Ɔnnii torɔ No, ah-ha (Ɔno na Ɔbɛyɛ) ei! Atumfoɔ nyinaa ara Hene no (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ) Ɔkatakyie No, Ɔno na Ɛbɛyɛ (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ) Ah, Nokwafoɔ No (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ) ao Ɔno na Ɔbɛyɛ Ɔno na Ɔbɛyɛ Ɔno na Ɔbɛyɛ Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ Ɔno na Ɔbɛyɛ Ɔno na Ɔbɛyɛ Ɔno na Ɔbɛyɛ Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out