Top Songs By Kweku Flick
Credits
PERFORMING ARTISTS
Kweku Flick
Performer
Fameye
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Andy Osei Sarfo
Songwriter
Peter Famiyeh Bozah
Songwriter
Lyrics
It's BKZ Music
Soro akasa ama chairman, Nyame ei
Sunsum frɛ a, Nyame ei
Na yɛfrɛ Wo a, ɛyɛ a taa-taa ma yɛ ngyedo o
Peter! (Sika nie, Kweku nie)
Haadɔ (yie ei, yie ei, yie ei), paaw!
It's Apya on the beat
Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ a yɛaba
Yɛyɛ adeɛ na w'ani ngye ho a, ka w'ano tum (yɛ komm)
Yɛkɔ baabi na yɛcause trouble a, yɛayi fumm (yɛkɔ o)
Nti sɛ wohu a, fa w'ani hwɛ, mfa w'ano ntom' (yɛ komm)
Ɛnyɛ yɛn fault o, biribi rekɔ so
Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei (nnɛɛmafoɔ, nnɛɛmafoɔ ei)
Ɛnyɛ sɛ yɛn aso ɔ'den o (ɛnyɛ yɛn fault o)
Nnoɔma a ɛrekɔ so wɔ yɛn adwen mu dɔɔso o (mm-hmm)
Nti yɛkɔ yɛn nkotodwe anim a (yɛbu nkotodwe a)
Yɛsrɛ Awurade o (yɛsrɛ Awurade o)
Sɛ Ɔnka yɛn ho, na Ɔmma yɛnhu yɛn ho ano o (ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei)
Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei (ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei)
Ɛnyɛ sɛ yɛn aso ɔ'den o (yie e, yɛnte saa o)
Nnoɔma a ɛrekɔ so wɔ yɛn adwen mu dɔɔso o (bebereebe-bebereebe)
Nti yɛkɔ yɛn nkotodwe anim a (yie ei)
Yɛsrɛ Awurade o (yɛsrɛ Wo o)
Sɛ Ɔnka yɛn ho, na Ɔmma yɛnhu yɛn ho ano o (aah, aah, ei)
No matter what you go do, asɛm 'nya asi awie
Yɛse mento me bo o, mma menyɛ nkɔ akyire
Nnɛɛmafoɔ a aba rushe
Anwummerɛ yi, na mereforce
Aah, merepɛ saa, menya me ho
Bɔne yi nyinaa akyi, Nyame yi koraa na ɛka me ho
Mete nkwankwaadua ase, m'adeɛ ara aah na mereyɛ (sawayaba-ya)
Meyɛ na sɛ mebɔ fam a, yɛ komm, me ara m'asɛm
Mede me tiri pempem, na menya asɛm a, na mada ntɛm
Asoɔden ma metwetwem, na mapie aah, Agege
Peter antwa w'aso a, Kweku bɛkyerɛ wo shege
Yɛrekɔ a, yɛrekɔ a, yɛreba yi (aah)
Kakrawa kɔ bebe (aah)
Yɛseyɛse mayɛ sei (aah)
Nyɛ nea woreka na meretie (aah)
Aah, merepɛ saa, menya me ho o
Bɔne yi nyinaa akyire, Nyame koro yi ara aah na ɛka me ho
Yie ei, merepɛ saa, menya me ho o
Bɔne yi nyinaa akyi, Nyame koro yi ara aah na ɛka me ho (ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei)
Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei (Peter, ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei)
Ɛnyɛ sɛ yɛn aso ɔ'den o (yie e, yɛnte saa o)
Nnoɔma a ɛrekɔ so wɔ yɛn adwen mu dɔɔso o (bebereebe-bebereebe)
Nti yɛkɔ yɛn nkotodwe anim a (yie ei)
Yɛsrɛ Awurade o (yɛsrɛ Wo o)
Sɛ Ɔnka yɛn ho, na Ɔmma yɛnhu yɛn ho ano o (aah, aah, ei)
Ɛnyɛ me pɛ sɛ mɛyɛ sei o
Nnamfofoɔ a mede me ho abɔ ɔmo no ('nyɛ me pɛ ei, 'nyɛ me pɛ ei)
Ɔmo na ɛrekyerɛ me kwan no (kwan no, kwan no)
Nyɛ neɛ mepɛ na meyɛ
Nti sɛ daakye-daakye biara, akonta bi wɔ hɔ a, merekɔbu akyerɛ me Nyame o
Me ne No ntam asɛm, ɔdasani biara nnim
Ɔbra biara a wobɛhunu sɛ merebɔ wɔ asaase wei so biara
Wohu a yɛ komm (yie ei, yie ei, yie ei, yie ei)
Sɛ yɛnnom nhyehye, ɛno ne ade a meyɛ o, maba abɛtom (aah)
Metwe me ho koraa a, ɛnyɛ yie (aah)
Meyi me ho firim' koraa a, ɛnyɛ yie (aah)
Asɛm bi na ama no aba saa, nyɛ m'ani aah
Mese gyae o (mese gyae me o, na menyɛ akwalaa biom
Mente gyae o (wo ne me bɛko o, nanso wo wedeɛm), wo mpom o
You say you go tell my mama
Deɛn koraa na mayɛ?
You say you go tell my papa
Deɛn koraa na mayɛ?
Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ a yɛaba
Yɛyɛ adeɛ na w'ani ngye ho a, ka w'ano tum (yɛ komm)
Yɛkɔ baabi na yɛcause trouble a, yɛayi fumm (yɛkɔ o)
Nti sɛ wohu a, fa w'ani hwɛ, mfa w'ano ntom' (yɛ komm)
Ɛnyɛ yɛn fault o, biribi rekɔ so
Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei (nnɛɛmafoɔ, nnɛɛmafoɔ ei)
Ɛnyɛ sɛ yɛn aso ɔ'den o (ɛnyɛ yɛn fault o)
Nnoɔma a ɛrekɔ so wɔ yɛn adwen mu dɔɔso o (mm-hmm)
Nti yɛkɔ yɛn nkotodwe anim a (yɛbu nkotodwe a)
Yɛsrɛ Awurade o (yɛsrɛ Awurade o)
Sɛ Ɔnka yɛn ho, na Ɔmma yɛnhu yɛn ho ano o (ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei)
Ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei (ɛnnɛ nnɛɛmafoɔ ei)
Ɛnyɛ sɛ yɛn aso ɔ'den o (yie e, yɛnte saa o)
Nnoɔma a ɛrekɔ so wɔ yɛn adwen mu dɔɔso o (bebereebe-bebereebe)
Nti yɛkɔ yɛn nkotodwe anim a (yie ei)
Yɛsrɛ Awurade o (yɛsrɛ Wo o)
Sɛ Ɔnka yɛn ho, na Ɔmma yɛnhu yɛn ho ano o (aah, aah, ei)
Lyrics powered by www.musixmatch.com