Lyrics

Ma obiara nka sɛ woagyimi o Ma obiara nka sɛ woasɛe, ao Na fa wo kwasea pɛ nyinikɛ, ɔhemaa ei Ma obiara nka sɛ woagyimi o Na obiara nka sɛ woasɛe, ao Na fa wo kwasea pɛ nyinikyɛre Ɔdɔyɛwu ei, nsesa da o Me dɔ ei Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara 'Yɛ a, yɛ me saa ara Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Ɔdɔyɛwu ei Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Saa nti ara na medɔ wo aah Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Ɔdɔ ei, ma obiara nka sɛ woagyimi o Ma obiara nka sɛ woasɛe aah eh Na fa wo kwasea pɛ nyinikyɛre, na ɔhemaa ei Ɔbarima bɛnya nkɔsoɔ a Na efiri ɔyere pa Ɔbarima biara a wayɛ biribi ama ayɛ yie nso Na ɔbaa pa na ɛgyina n'akyire Ɔbarima, wobɔ bra na sɛ anyɛ yie a Ɛnneɛ, na wo yere ammoa wo Ɛmmaa no, montie no yie, ao Ɛnkɔtietie nkorɔfoɔ ano mmɛka sɛ Ebi a wo deɛ, woagyimi ao Ebi a wo deɛ, woasɛe o, ɔdɔ Ɔdɔ ei, nsesa da o Akos ei, nsesa da o Gyamfua ei, nsesa da 'Yɛ a nsesa da o 'Yɛ a kurakura me saa ara Saa ara, saa ara, saa ara Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara 'Yɛ a, yɛ me saa ara Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Saa nti ara na medɔ wo o Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Me dɔ ei Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Nkorɔfoɔ se wosuro awaregyaeɛ a Wonya aware pa Deɛ ɔbɛka saa biara nso, ɔntee da, ɔboa Na mmom, sɛ wosuro awaregyaeɛ a Ɛno na wonya aware pa Ɔbaa pa ei, kurakura me saa ara Obi rebɛfrɛ wo akɔgyina baabi sɛ "Adɛn na woregyaegyae wo ho? Adɛn na woreku wo ho ma barima saa? Adɛn na woreku wo ho ma barima saa? Ɔbarima nyɛ sumiiɛ, ao Na yɛde yɛn tiri ato ne so", Ɔboa Ɔbaa pa ne deɛ ɔkunu nya ne ho asɛm biara Ɔbaa pa ne nea ɔkunu ka ne ho asɛm a Ɛyɛ a ɔma ne mu soɔ Deɛ woyɛ ma me a wonim sɛ m'ani gye ho biara Ɔdɔ, 'yɛ a yɛ me saa Ɔhemaa ei, ɛnsesa da o Awo ei, nsesa da o Anowaa ei, nsesa da o Oburuwaa ei, nsesa da o 'Yɛ a nsesa da o 'Yɛ a kurakura me saa ara Saa ara, saa ara, saa ara Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara 'Yɛ a, yɛ me saa ara Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Me dɔ ei Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Saa nti ara na medɔ wo a Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Saa nti ara na mepɛ wo o Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Mma obiara nsɛe w'adwen, aah Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Mma obiara nnaadaa wo Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Saa nti ara na medɔ wo o Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Saa nti ara na m'ani gye wo ho o Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Akos ei Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Me dɔ ei Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Maa Abena Boakyewaa Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Maame Serwaa Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Gyamfua ei Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Saa nti ara na medɔ wo o Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Saa nti ara na medɔ wo aah Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara Saa ara, saa ara Ɔdɔ ei, nsesa da o, yɛ me saa ara
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out