Lyrics

M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu oo M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu dada M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu oo M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu dada Mewɔ adansedie bi oo Ɛnnɛ mɛdi Deɛ Awurade ayɛ ama me no Mɛka ahyɛ Ne din animuonyam Mewɔ adansedie bi oo Eeei mɛdi Ɔgyeɛ Awurade agye me yi Mɛka ahyɛ Ne din animounyam Ɛduru mmerɛ bi sɛ Anka ɔrebɛsi me aboɔ Ɛdɔm taa me so rebɛku me Megyina owuo amena ano Ɔgyefoɔ wɔ hen? Medwane na mehyia ɔbarima bi Awanwasɛm W'ammisa m'ano asɛm mpo Deɛ mehunuiɛ ne sɛ W'atwitwa agye me W'abusa me din ama m'atamfo adwane Wɔde ahohene asane wɔn akyi Me na menie Ɛnnɛ deɛ me ho adwiri me Abaawa me ho awoso Mese Onipa bɛn mpo ni Na m'abɛhyia no yi Ɔnwanwani bɛn mpo ni Mɛnya no wɔ m'abrabɔ mu yi a Ɛnnɛ Ɔtu mefo sɛ Kɔ na mɛnkɔyɛ bɔne bio Na deɛ ɛkyɛn sei mpo amma wo so Menso meka ne wɔ me tirimu sɛ Owura nnyɛ Wo mpo na Wobɛka Ɔgyeɛ W'agye me no na di adanseɛ Sɛ m'anhyia M'anhyia Wo Anka m'awu dada M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu oo M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu dada M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu oo M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu dada Owuo eh, Owuo Meyi W'ayɛ na ɛsɛ Wo Mekoto sɔre na ɛfata Wo Kamafoɔ, W'anka ama me a Anka m'awu dada Meyi W'ayɛ na ɛsɛ Wo Mebɔ W'abodin na ɛfata Wo Dɔkta panin W'ansa me yare a Anka m'awu dada Onua dɔfoɔ a yareɛ nti ɛyɛ wo nsɛ wonka nnipa ho Ɛnnɛ da yi menkamfo Yesu Kristo din no ma wo sɛ Edin mu na abɔfra n'ani afira firi ne nna yam no, n'ani bueɛ Ɔbaa mogyabruni no so ne mogya twaeɛ Wɔ na ataadeɛ no mu Amen M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu oo M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu dada M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu oo M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu dada M'adanse die nie oo Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu oo M'adanse die nie Anka m'awu Sɛ mɛnhyia Yesu Anka m'awu dada
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out