Lyrics

Yadeɛ a ɛbɔɔ Kɔkɔsakyi maa, ɔbrɛfoɔ ei, ne tiri ho tutuuɛ no Ɛbɔɔ aboa Kwaakwaadabi a, me nua ei, nka yɛasie no Nanso akwantu mu nsɛm yi, yɛba na yɛanya biribi pa bi amma fie a Yɛba a na yɛreka no sɛn ni? Nanso abrabɔ yi, ɛnyɛ yɛn ah Ɔbra yi, yɛabɔ, yɛabɔ ara aah, yɛbɔ, yɛbɔ, yɛbɔ nso a, yɛnhunu ano Adom Nyame ei, meresu mefrɛ Wo o, m'awerɛkyekyere ara aah ne Wo (M'awerɛkyerekyere ei, ɛne Awurade o) menni obiara o, oh M'anidasoɔ ei, ɛne Onyame o M'awerɛkyerekyere ei, ɛne Awurade o (M'anidasoɔ ei) anidasoɔ ei (ɛne Onyame o) Abusua yi pɛ adeɛ kyiri ka Woyɛ yie a yɛfrɛ wo ɔkatakyie, woanyɛ yie nso a yɛbu wo sansani Nanso ɔboafoɔ ne Awurade o Menim sɛ, sɛ Onyame si wo hene a, w'anim ngu ase wɔ badwa mu da Adom Nyame ei, meresu mefrɛ Wo o, m'awerɛkyekyere ara aah ne Wo Abusua yi pɛ adeɛ kyiri ka Woyɛ yie a yɛfrɛ wo ɔkatakyie, woanyɛ yie nso a yɛbu wo sansani Nanso ɔboafoɔ ne Awurade o Menim sɛ, sɛ Onyame si wo hene a, w'anim ngu ase wɔ badwa mu da Adom Nyame ei, meresu mefrɛ Wo o, m'awerɛkyekyere ara aah ne Wo (M'awerɛkyerekyere ei) oh, oh, oh (Ɛne Awurade o) Agya, menni obiara o, oh M'anidasoɔ ei, ɛne Onyame o (M'awerɛkyerekyere ei, ɛne Awurade o) Agya, menni obiara nti (M'anidasoɔ ei) Awurade ei (ɛne Onyame o) Tumi biara nni hɔ a ɛkyɛn Awurade Ɔkwantuni ei, na ade asa me, mabɛdi amia wɔ obi man so Merebɛda abɔnten ara aah ma ade akye me? Ɔhoɔhoɔ ei, merewu o Nsuo aboro me kwaeɛ mu o, emu akorokɛre na ɛreku me Agya Onyame ei, meresu mefrɛ Wo, Wo ara ne m'awerɛkyerekyerɛ M'awerɛkyerekyere ei, ɛne Awurade o (M'anidasoɔ ei) Awurade ei (ɛne Onyame o) (M'awerɛkyerekyere ei) Awurade ei (Ɛne Awurade o) Agya, menni obiara o, oh-oh (M'anidasoɔ ei, ɛne Onyame o) Fa Wo ntaban kɛseɛ no bɔ me ho ban (M'awerɛkyerekyere ei) na ma m'atamfo nyinaa anim ngu ase (Ɛne Awurade o) Wonim sɛ menni obiara o (M'anidasoɔ ei) oh, oh, Awurade ei (ɛne Onyame o) (M'awerɛkyerekyere ei) yie ei, Awurade ei (ɛne Awurade o) Wo ara Wo ne m'anidasoɔ (M'anidasoɔ ei) nti Awurade ei
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out