Lyrics

Me mpaebɔ yi Me mpaebɔ ni o Tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim Agya ei, me mpaebɔ yi a Adom Wura, me mpaebɔ ni o Paapa ei, tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim Me mpaebɔ yi Me mpaebɔ ni o Tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim Agya ei, me mpaebɔ yi Adom Wura, me mpaebɔ ni o Paapa ei, tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim Mpaebɔ tiefoɔ Nyame ei Agya ei, na Wo mma rebrɛ o Na Wo mma rebrɛ wɔ abrabɔ yi mu Me ne ɔhyɛbrɛ yi adi asie biara Mebɔ ɔbra nso a menhunu ano Ama menenam nkorɔfoɔ nkuro nso, ha Afei deɛ matɔ baha o Meteam nso a, ohinifoɔ mma Paapa ei, na agye Wo nkoaa Agya, Woyɛ Onyame dada no ara Wo nsam' na ɔgyeɛ ne ɔma wɔ Nti tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru W'anim Ohia ama animuonyam abɔ me o Antemmerewama paa nie a, ɛnnɛ yɛretwe me sɛ sonsono, ha Sɛkyerɛni ba ei, m'asɛm ni o Mede me hia yi rebɛkɔ owuo ni? M'Agya, tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim Agya ei, me yareɛ yi o Makyinkyini, akyinkyini, akyini, akyini a Paapa, menya ɔhwɛfoɔ Wo na wosaa ɔyarefoɔ bi yareɛ Ɛwɔ homeda mpo no Enti tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim Ai Santan, santan, whoa Osutani baa ei, Tiwaa ei Me yafunu yi deɛ m'abrɛ o Paapa, me mpaebɔ nie Woyɛɛ bi de maa Sarah a Ɛmma wo werɛ mfiri wo ba o Ma menwo mfa me ho, mfa me ba Yie ei, mede no bɛto Nyamekyɛ o Awoɔ na yɛrewo a yɛrekɔ no bebereebe yi Awoɔ, yɛdi no wɔ ahiafuro o Paapa, me mpaebɔ nie, ha Woyɛɛ bi de maa Sarah a Ɛmma wo werɛ mfiri wo ba o Ma menwo mfa me ho, mfa me ba Yie ei, mede no bɛto Nyamekyɛ o Tie me sufrɛ ei, ma me mpaebɔ nnuru W'anim Me mpaebɔ yi Me mpaebɔ ni o Tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim Agya ei, me mpaebɔ yi a Adom Wura, me mpaebɔ ni o Paapa ei, tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim Me mpaebɔ yi Me mpaebɔ ni o Tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim Me mpaebɔ yi Adom Wura, me mpaebɔ ni o Paapa ei, tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim Tie me sufrɛ ei, ma me mpaebɔ nnuru W'anim M'Agya (tie me sufrɛ o, ma me mpaebɔ nnuru W'anim) Agya (tie me sufrɛ o, ma me mpaebɔ nnuru W'anim) Ha (tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim) Mmm (tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim) Agya (tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim) Tie me sufrɛ ei, ma me mpaebɔ nnuru W'anim M'Agya (tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim) Tie me sufrɛ ei, (ma me mpaebɔ) Agya (nnuru W'anim) tie me sufrɛ o Tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'a-
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out