Lyrics

Uh, uh-uh-uh-uh-uh Daddy ei Adeɛ a sika yɛ, ohia ntumi nyɛ bi o Sika na ɛma opanin yɛ abɔfra wɔ n'abrabɔ mu Ah Daddy ei (sika asɛm) Ah, ah, Daddy ei (ɛyɛ sika asɛm) Ah, ah, Daddy Lumba, mensu o (sika asɛm) Sika na ɔpanin ah, panin ayɛ abɔfra o (ɛyɛ sika asɛm) Nti ara ne bebereebe yi Adehyeman mma aka akwantuo mu yi (sika asɛm) Adeɛ a sika yɛ, ohia ntumi nyɛ bi o Sika na ɛma opanin, panin ayɛ abɔfra o, ah (sika asɛm) Ah, ah, ah-ah Daddy ei (ɛyɛ sika asɛm) Ah, ah, Daddy Lumba, mensu o (sika asɛm) Sika na ɔpanin ah, panin ayɛ abɔfra o (ɛyɛ sika asɛm) 'Ntira' ne bebereebe yi Adehyeman paaa aka akwantuo mu yi (sika asɛm) Wo se akyi nyɛ wo dɛ a Ɛno deɛ wo ara na wotafere, ei Ɔdomankoma bɔɔ adeɛ no Ɔbɔɔ Koo Daki detoo awia mu Na sɛ yɛregya Afrika hɔ Abɛtena mmm amananɔne a, ei Akwantuo mu awerɛhoɔ Ɔbrɛ ne mpruntu nwuma yi Dakie nti sɛ wonto awia biom, 'aane' Na sɛ snow mu na wobɛwu ada a, ha Mmm, asɛm sɛbɛ Monhunu sɛ biribi di akyiri ntira Daddy Sika asɛm Daddy ei, mensu o (ɛyɛ sika asɛm) Sika na ɔpanin ah, panin ayɛ abɔfra o (ɛyɛ sika asɛm) Ɔdomankoma nhyehyɛeɛ ne sɛ Ɛnomaa a nka wɔn ntakra korɔ no Ɛna wɔtu bɔ mu, ei Fitaa ne tuntum mmɔ abira ah? Nanso soboɔ bebereebe yi akyi no Daki se meda so di buroni akyi a Na sɛ ɛnnɛ Koo Daki se Buroni kuro mu ara na mobɛwu moada Salad nyɛ Daki aduane o Barima ei, na ɛyɛ animia, ei Yɛbɛsan akɔdi yɛn fufuo Na mmom botaeɛ bi si yɛani so ntira Daddy Sika asɛm Me nua baa mɛnsu o (ɛyɛ sika asɛm) Sika na ɛma ɔdasani, ɛyɛ adeɛ a n'akoma kyiri o, ah (Sika asɛm) agya ei Me nua baa mɛnsu o (ɛyɛ sika asɛm) Oh Abi you don't play style Ɔdomankoma akyɛ me ade o Ɛnwontoɔ ara na mese mede bɛyɛ m'adwuma Daddy ei Ɛberɛ a mewiee me nwom a ɛdi kan "Yieee, Yɛaka Akwantuom" Menya ɔboafoɔ nti, ɛnwom yi daa dan mu mfie mmiɛnsa a Ah, na ɛyɛ saa wɔ baabiara Obiara wɔ akyɛdeɛ a Ɔbɔadeɛ dekyɛɛ no, ah Nso ɛnam sika asɛm nti Yɛn nsusueɛ nyinaa aka yɛn tiri mu o, ah Sika asɛm Ah, ah, Daddy Lumba, mensu o (ɛyɛ sika asɛm) Sika na ɔpanin ah, panin ayɛ abɔfra o, ah (sika asɛm) Ntira ne bebereebe yi Adehyeman mma aka akwantuo mu yi (ɛyɛ sika asɛm) Ɔkɛseɛ Dada nti Abi, wo so nwom ni o, ampa o Sika na ɛma ɔdɔ gyina woate Sika asɛm nti na obi agye me dɔfo Barima, medɔ me yere o Nso ɛnam sɛ menni sika nti no Ɔbaa yi ntumi nhunu me dɔ a mede dɔ no Obi de sika adaadaa buroni Nyɛ abadɔ na ayɛ biribi Aboa sika 'ntira' na ama no aba saa Sika asɛm Ah, ah, ah-ah-ah Ghana mma ei (ɛyɛ sika asɛm) Ah, ah akwantufoɔ ei, mma monsu o (sika asɛm) Sika na ɛma opanin ah, panin ayɛ abɔfra o (ɛyɛ sika asɛm) Ɔsɛe Sammy ei Kwaaten ei, mɛnsu o (ɛyɛ sika asɛm) Yaa Boatemaa, me nua baa mɛnsu o (ɛyɛ sika asɛm) Nana Yaw ei (sika asɛm, sika asɛm) Dada, mɛnsu o (sika asɛm) (Sika asɛm) Mr. Antwi ei (sika asɛm) Yaa Ampɔnsa (sika asɛm) se ɔnsu o (sika asɛm yi o) (Sika asɛm) ah, ah (sika asɛm) Ah, ah (sika asɛm, sika asɛm yi a) (Sika asɛm) ah, ah (sika asɛm) (Sika asɛm) Ama Rose o (sika asɛm yi) ei (o) (Sika asɛm) sika na ɛma (sika asɛm) panin, panin Panin, panin (sika asɛm) panin yɛ abɔfra o (sika asɛm) (Sika asɛm) 'ntira' ne bebereebe yi (sika asɛm) Adehyemma (sika asɛm) paa aka akwantuom' (sika asɛm yi o) (Sika asɛm) Chiboo (sika asɛm) (Sika asɛm) Chiboo se ɔnsu o (sika asɛm yi o) (Sika asɛm) ah, ah (sika asɛm) Ah, ah, ah (sika asɛm) Daddy ei (sika asɛm, ah) Da-, Daddy ei
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out