Lyrics

Kwadwo mete hɔ saa, ade resa (uh, uh-uh) Obi regyegye me na madwa paa Efisɛ ɔdɔ kɔɔeɛ yi deɛ, awɔ ade me akyɛ o Manya nkra sɛ, ɔdɔyɛwu reba abɔduru fie nnɛ nti Merekɔ akɔtie nkɔmmɔdɛ o Ɔyere pa ne nea ɔnim ne kunu yam kɔm nti Masiesie ɔdɔ akyi sɛ nea ɔdɔ pɛ a Enti nnɛ, enti nnɛ ɛnhyɛ me kasa na ɔdɔyɛwu retwɛn me ao Ao, ɔdɔyɛwu ei Saa ɛkɔm de ɔdɔ o Ah-ei, osanfoɔ bi ahyɛ me kasa Ama ɔdɔyɛwu ato me pono mu a Ɔdɔ nko ara de awerɛhoɔ rekɔda, Daddy ei Ɔdɔ bie me na afei na mereba o Ɔpono hini me ao Ɔpono hini me ao Ɔpono hini me o Daddy, na afei na mereba o (Ɔpono hini me ao) hini me o, hini me o, hini me o Hini me o (pono hini me ao) Daddy ei Ɔko wei deɛ mentumi o (ɔpono hini me o) (Daddy) ɔdɔ me ni', (na afei na mereba o) Mrs. Danso (ɔpono hini me ao) Kontonkyi, na ɛboɔ a ɔhi akuma ei (Ɔpono hini me ao) Mr. Danso refrɛfrɛ wo o Ɔpono hini me o (Daddy) me dɔfo yi a (na afei na mereba o) Paa Jude ɔmama ei (ɔpono hini me ao) Bridget se na ɔrefrɛfrɛ wo o (ɔpono hini me ao) Jude ei Ɔpono hini me o Daddy, na afei na mereba o Ɔdɔ mɛmfa abufuo ntwe m'aso saa Na wokɔɔeɛ yi deɛ awɔ ade me akyɛ o Woaba nso a meda so gyina awɔ yi mu ao Daddy ei, meyare a ɛda wo so o, mmm Ɔpono hini me ao Ɔpono hini me ao Ɔpono hini me o Daddy ei, na afei na mereba o Whoa Sɛ wonya nyaa ɔdɔ a ɛyɛ dɛ a Wose ɔdɔ nyɛ dɛ Ɔdɔ bɛku me Ɔdɔ mmue a menkɔɔeɛ o Busuo regu nso menteeɛ o Dada, wo pono akyi ara na mɛwu mada anadwo yi Ɔdɔ bie me na afei na mereba o Menim sɛ deaa me dɔfo yi nni me ho agorɔ nti yie, yie, yie na ɔdɔ Uh, uh-uh Ɔdɔ wɔ hɔ a nka wabie me dadaada Enti Sɛ esum mu o anaa ɔhyerɛn mu o Mɛtutu mmirika akɔgyina nkwanta o Megyina nkwanta meretwɛn wo o, me dehyeɛ ei, eh Ɔdɔyɛwu na apue no a Monhwɛ ammirika bi a ɔde reba Mmm, na ɔdɔ ahyɛ ne ma Wama m'ani ataataa nisuo mpo o Sosɔ me mu na ɔdɔyɛwu ei Na wokɔɔeɛ, mafe wo o Ao me dehyeɛ ei Ɛnnɛ yɛnna na obi ada bi ao, Sɛɛwaa ei Ah Ɔdɔ sɔ me mu bɔkɔɔ Yɛntutu yɛn nan sɛ nea yɛrekɔ ahemfie no a Yɛmfa ɔdɔ nkɔgyina ɔpono akyi nkɔso ara Ɔpono bie na afei na adɔfo reba o Ah-eh, ah-eh, na ɔpono hini me o Ɔpono hini me o Ɔpono hini me ao Ɔpono hini me ao Daddy, na afei na mereba o Ɔpono hini me o Ɔpono hini me ao Ɔpono hini me ao Maa Afia ei, na afei na mereba o Ao Mama Asare ei (ɔpono hini me o) Sɛkyerɛ Maggie ei, wo dɔfo refrɛfrɛ wo (ɔpono hini me o) ah (Ɔpono hini me ao) whoa Daddy, na afei na mereba o Ah-eh na Akua Boatemaa (ɔpono hini me o) Stephen Agyekum ei, merefrɛfrɛ wo o (ɔpono hini me ao) me dɔfo yi a Whoa (ɔpono hini me ao) Daddy, na afei na mereba o Nana Owusu Akyeampɔn ei (ɔpono hini me o) Dansomani ei merefrɛfrɛ wo o (ɔpono hini me ao) me dɔfo yi Anadwo yi (ɔpono hini me ao) Daddy, na afei na mereba o Ao Sister Gina ei (ɔpono hini me o) Kofi Busia se na ɔrefrɛfrɛ wo o (ɔpono hini me ao) Gina ei, na ɔdɔ (Ɔpono hini me ao) whoa Daddy ei, na afei na mereba o Ama Ampɔnsa ei (ɔpono hini me ao) Me dɔfo yi merefrɛfrɛ wo o (ɔpono hini me ao) Belgium ni a Ɔpono hini me ao Daddy ei, na afei na mereba o
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out