Lyrics

Mewɔ botae bi si m'ani so sɛ Mɛyɛ biribi pa bi ansa na m'awu Nso ɛnam aboa 'hia nti a Me nsusueɛ nyinaa aka me tirim' o Onwomtofoɔ bi na ɛkaaɛ sɛ Adeɛ a sika yɛ deɛ Ohia yɛ deɛn a ɔntumi nyɛ bi da Daddy Lumba wo boɔ ni o Deɛ ɔde sika baa wiase yi mu deɛ Wadi nipa aborɔ paa, Daddy eh Waha amanfoɔ kwa o Wama akɔnnɔ ɛrekum ahiafoɔ saa, mmm Ohia asɛm yi nti Ohia asɛm yi nti Ohia asɛm yi nti Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o, mmm Ohia asɛm yi nti (Ohia asɛm yi nti) ah Ohia asɛm yi nti Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o Eh Nka mewɔ botae bi si m'ani so sɛ Mɛyɛ biribi pa bi ansa na m'awu Nso ɛnam aboa 'hia nti a Me nsusueɛ nyinaa aka me tirim' o Onwomtofoɔ bi na ɛkaaeɛ sɛ Adeɛ a sika yɛ deɛ Ohia yɛ deɛn a ɔntumi nyɛ bi da o Daddy ei, wo boɔ ni o Deɛ ɔde sika baa wiase yi mu deɛ Wadi nipa aborɔ paa, Daddy ei Waha amanfoɔ kwa o Wama akɔnnɔ ɛrekum ahiafoɔ saa, mmm (Ohia asɛm yi nti) ei Ohia asɛm yi nti Ohia asɛm yi nti Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o, mmm Ohia asɛm yi nti Ohia asɛm yi, ntia o Ohia asɛm yi nti Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o Ohia amma me dɔfo yi annye me anni Ohia ama ɔdɔyɛwu afa me tirimka kwa Nanso ne nyinaa sika asɛm yi ho ntira o Ohia amma Maame Sɛɛwaa annye me anni Ohia ama ɔdɔyɛwu afa me tirimka kwa Nanso ne nyinaa sika asɛm yi ho ntira o Ɔdɔ, nkorɔfoɔ nnepa a aba soɔ yi a Ɔdɔyɛwu ei, ɛnyɛ sɛ nka menhunuu hwee o Ohia ama ɛnnɛ sɛ mehunu m'akɔnnɔdeɛ a Na mayi m'ani ato nkyɛn Hwan na ɔpɛ adepa sene me? Aah, egya nhye ɔsansa akyi a Sɛkyerɛni ba Kwadwo Fosu Daddy ei, pepa w'anim nisuo o, mmm Adeɛ a menyaa nka mɛyɛ Ahia me nti sɛ mentumi nyɛ a Daddy ei, m'awerehosɛm nie Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o, ah Adeɛ a menyaa nka mɛyɛ Ahia me nti sɛ mentumi nyɛ a Eboo, m'awerehosɛm ao Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o, mmm Ohia asɛm yi nti Ohia asɛm yi ntia o Ohia asɛm yi nti Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o Ah Abusua mpɛ m'anim ahwɛ Ɛkoɔna abusua deɛ saa Wowɔ sika a na yɛfrɛ wo ao, mmm Akwankwaa ei, mede m'awerehoɔ bɛkɔ Aah, na ɔbrɛfoɔ ba ei Nti mede me hia yi rebɛkɔ owuo anaa? Ɛyɛ a na medi ho awerehoɔ sɛ Me nsusueɛ pa nyinaa aka me tiri mu saa Wiase yi mu sɛɛ ohia nyɛ adeɛ ao, mmm Nka mede me kra mato hɔ abɔ afɔreɔ sɛ Mɛyɛ bi agya nkyirimma Nso ɛnam aboa 'hia nti a M'abusuafoɔ yi annye me anni, ah Adeɛ a menyaa nka mɛyɛ Ahia me nti sɛ mentumi nyɛ a Daddy ei, m'awerehosɛm nie Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o Adeɛ a menyaa nka mɛyɛ Akos ei, sɛ mentumi nyɛ a, Brempɔmaa M'awerehosɛm nie o Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o, mmm Ohia asɛm yi nti Ohia asɛm yi nti Ohia asɛm yi nti Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o, mmm Ɔsɛe Kuffoɔ (ohia asɛm yi nti) Werɛnkyi ei BJ ei (ohia asɛm yi nti) ah (ao) Ohia asɛm yi nti Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o Ao Beatrice (ohia asɛm yi nti) Nsia Wo ne Frempɔn nyinaa (ohia asɛm yi nti) Hausa adamfoɔ ei, ha (ohia asɛm yi nti) merebɔ wo din o Mmm (akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o) mmm Daddy Professor ei (ohia asɛm yi nti) Daddy ei Merebɔ wo din o (Ohia asɛm yi nti) ah (ao) Ohia asɛm yi nti Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o Fosu Emma (ohia asɛm yi nti) Ama Esaa merebɔ wo din o (ohia asɛm yi nti) Aunty eh Ohia asɛm yi nti Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o Maame ei, Maame Ama Esaa (ohia asɛm yi nti) Maame Esaa ei, merebɔ wo din o (ohia asɛm yi nti) Maame ei Menyaa bi a nka mɛyɛ (ohia asɛm yi nti) Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o Ɔbaa pa Fɔdwoɔ (ohia asɛm yi nti) Wo ne wo kunu Mr. Frank ei (ohia asɛm yi nti) Ohia asɛm yi nti (Akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa o) ah Adeɛ a menyaa nka mɛyɛ (ohia asɛm yi nti) Ahia me nti sɛ mentumi nyɛ a (ohia asɛm yi ntia o) Daddy ei, m'awerɛhosɛm nie o (ohia asɛm yi nti) Akɔnnɔ bɛkum-
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out